Skip to main content

Scripture

Nnwom 135

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 135 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade din;monkamfo no, mo Awurade asomfo,

AKCB: 2AKCB

mo a mosom wɔ Awurade fi,wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.

AKCB: 3AKCB

Monkamfo Awurade efisɛ oye;monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

AKCB: 4AKCB

Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de,wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.

AKCB: 5AKCB

Minim sɛ Awurade so;Ɔso sen anyame nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Awurade yɛ nea ɔpɛ biarawɔ ɔsoro ne asase so,po ne mu bun nyinaa.

AKCB: 7AKCB

Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba;ɔsoma anyinam ka osu hona ɔma ahum tu fi ne koradan mu.

AKCB: 8AKCB

Okum Misraim mmakan,nnipa ne mmoa mmakan.

AKCB: 9AKCB

Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim,de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.

AKCB: 10AKCB

Ɔsɛee amanaman pii,na okunkum ahemfo akɛse,

AKCB: 11AKCB

Amorifo hene, SihonBasan hene, Ogne Kanaan ahemfo nyinaa,

AKCB: 12AKCB

na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.

AKCB: 13AKCB

Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.

AKCB: 14AKCB

Awurade bedi ama ne nkurɔfona obehu nʼasomfo mmɔbɔ.

AKCB: 15AKCB

Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔa wɔde onipa nsa na ayɛ.

AKCB: 16AKCB

Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa,wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;

AKCB: 17AKCB

wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,na ɔhome nso nni wɔn anom.

AKCB: 18AKCB

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

AKCB: 19AKCB

Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa;monkamfo Awurade, Aaron fi;

AKCB: 20AKCB

monkamfo Awurade, Lewi fi;monkamfo Awurade, mo a musuro no.

AKCB: 21AKCB

Mumfi Sion nkamfo Awurade,monkamfo nea ɔte Yerusalem no.Monkamfo Awurade.