Skip to main content

Scripture

Nnwom 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

AKCB: 2AKCB

Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi apereperena awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

AKCB: 3AKCB

Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

AKCB: 4AKCB

Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

AKCB: 5AKCB

Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.

AKCB: 6AKCB

Mɛto dwom ama Awurade,efisɛ ɔne me adi no yiye.Wɔde ma dwonkyerɛfo no.