Skip to main content

Scripture

Nnwom 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;nokwafo ayera wɔ nnipa mu.

AKCB: 2AKCB

Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

AKCB: 3AKCB

Ma Awurade ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

AKCB: 4AKCB

nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”

AKCB: 5AKCB

“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔnine ohiani apinisi no nti,mɛsɔre afei,” Awurade na ose.“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”

AKCB: 6AKCB

Awurade asɛm yɛ nokwarete sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mpɛn ason.

AKCB: 7AKCB

Awurade, wobɛkora mmɔborɔnina woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

AKCB: 8AKCB

Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,bere a adesamma de nidi ma afide.Wɔde ma dwonkyerɛfo.