Scripture
Nnwom 14
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 14 Bible text
Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fina wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
Awurade fi ɔsoro hwɛadesamma wɔ famsɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.
Enti abɔnefo rensua nyansa ana?Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.Wonnsu mfrɛ Awurade?
Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!