Skip to main content

Scripture

Nnwom 121

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 121 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,ɛhe na me mmoa fi bɛba?

AKCB: 2AKCB

Me mmoa fi Awurade,ɔsoro ne asase yɛfo no.

AKCB: 3AKCB

Ɔremma wo nan nwatiri,nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

AKCB: 4AKCB

Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel norentɔ nko na ɔrenna.

AKCB: 5AKCB

Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

AKCB: 6AKCB

Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.

AKCB: 7AKCB

Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

AKCB: 8AKCB

Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba somprempren ne daa.