Skip to main content

Scripture

Nnwom 122

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 122 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me ne wɔn a wosee me sɛ,“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.

AKCB: 2AKCB

Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,Yerusalem.

AKCB: 3AKCB

Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔnwahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

AKCB: 4AKCB

Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, Awurade mmusuakuw no,Wɔkɔkamfo Awurade din,sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.

AKCB: 5AKCB

Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,Dawid fi nhengua no.

AKCB: 6AKCB

Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.

AKCB: 7AKCB

Ma asomdwoe mmra wʼafasu muna bammɔ mmra wʼaban mu.”

AKCB: 8AKCB

Me nuanom ne me nnamfonom nti,mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”

AKCB: 9AKCB

Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.