Skip to main content

Scripture

Nnwom 120

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 120 Bible text

AKCB: 1AKCB

Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,na ogye me so.

AKCB: 2AKCB

Awurade, gye me fi atoro ano,ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

AKCB: 3AKCB

Dɛn na ɔbɛyɛ wo,na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

AKCB: 4AKCB

Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnamne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

AKCB: 5AKCB

Nnome nka me sɛ metena Mesek,na mete Kedar ntamadan mu!

AKCB: 6AKCB

Matena wɔn a wokyi asomdwoemu akyɛ dodo.

AKCB: 7AKCB

Meyɛ asomdwoe nipa;nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.