Skip to main content

Scripture

Nnwom 119

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 119 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.

AKCB: 2AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.

AKCB: 3AKCB

Wɔnyɛ mfomso biara;na wɔnam nʼakwan so.

AKCB: 4AKCB

Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔa ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 5AKCB

Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi,ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ!

AKCB: 6AKCB

Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a,ɛno de, anka mʼanim rengu ase.

AKCB: 7AKCB

Mede koma a mu tew bɛkamfo wobere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.

AKCB: 8AKCB

Medi wo hyɛ nsɛm so;na nnyaw me korakora.

AKCB: 9AKCB

Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.

AKCB: 10AKCB

Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.

AKCB: 11AKCB

Mede wʼasɛm asie me koma musɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.

AKCB: 12AKCB

Awurade, ayeyi nka wo;kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 13AKCB

Mede mʼano ka mmaraa efi wʼanom nyinaa.

AKCB: 14AKCB

Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so,sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.

AKCB: 15AKCB

Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ hona mehwehwɛ wʼakwan mu.

AKCB: 16AKCB

Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;na merentoto wʼasɛm ase.

AKCB: 17AKCB

Yɛ wo somfo yiye;na matena ase adi wʼasɛm so.

AKCB: 18AKCB

Bue mʼani na minhu anwonwade aɛwɔ wo mmara no mu.

AKCB: 19AKCB

Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;mfa wo mmaransɛm no nhintaw me.

AKCB: 20AKCB

Me kra tɔ beraw bere biara,wo mmara ho anigyina nti.

AKCB: 21AKCB

Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn,na wɔman fi wo mmaransɛm ho no.

AKCB: 22AKCB

Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu,efisɛ midi wʼahyɛde so.

AKCB: 23AKCB

Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku,nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho.

AKCB: 24AKCB

Wʼahyɛde yɛ mʼanigyedena ɛyɛ me fotufo.

AKCB: 25AKCB

Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu;kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te.

AKCB: 26AKCB

Mesesee mʼakwan na wugyee me so;kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde.

AKCB: 27AKCB

Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;na mesusuw wʼanwonwade ho.

AKCB: 28AKCB

Awerɛhow ama me kra atɔ beraw;hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ.

AKCB: 29AKCB

Yi me fi nnaadaa akwan so;na fa wo mmara so dom me.

AKCB: 30AKCB

Mafa nokware kwan no so;mede me koma abata wo mmara ho.

AKCB: 31AKCB

Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen,mma mʼanim ngu ase.

AKCB: 32AKCB

Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,efisɛ woama mʼadwene mu adɔ.

AKCB: 33AKCB

Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so,na medi so akosi awiei.

AKCB: 34AKCB

Ma me ntease, na medi wo mmara so,na mede me koma nyinaa bedi so.

AKCB: 35AKCB

Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan nona hɔ na minya anigye.

AKCB: 36AKCB

Dan me koma kɔ wʼahyɛde hona ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho.

AKCB: 37AKCB

Yi mʼani fi nneɛma hunu so;na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te.

AKCB: 38AKCB

Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so,na wasuro wo.

AKCB: 39AKCB

Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ,efisɛ wo mmara yɛ papa.

AKCB: 40AKCB

Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu.

AKCB: 41AKCB

Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te.

AKCB: 42AKCB

Afei mebua nea oyi me ahi no,efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso.

AKCB: 43AKCB

Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom,efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu.

AKCB: 44AKCB

Medi wo mmara so bere biaraakosi daa apem.

AKCB: 45AKCB

Mede ahofadi bɛnantew,efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.

AKCB: 46AKCB

Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo animna wɔrengu mʼanim ase,

AKCB: 47AKCB

efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho,na medɔ no.

AKCB: 48AKCB

Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no,na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.

AKCB: 49AKCB

Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo,efisɛ woama me anidaso.

AKCB: 50AKCB

Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.

AKCB: 51AKCB

Ahantanfo bu me animtiaa bebree,nanso mennan mfi wo mmara ho.

AKCB: 52AKCB

Awurade mekae wo tete mmara no,na minya awerɛkyekye wɔ mu.

AKCB: 53AKCB

Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfoa wɔapo wo mmara nti.

AKCB: 54AKCB

Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tibanwɔ baabiara a mesoɛ.

AKCB: 55AKCB

Awurade, anadwo mekae wo din,na medi wo mmara so.

AKCB: 56AKCB

Eyi ne ade a meyɛ da biara,midi wo nkyerɛkyerɛ so.

AKCB: 57AKCB

Awurade, wo ne me kyɛfa;mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so.

AKCB: 58AKCB

Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo;hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te.

AKCB: 59AKCB

Madwene mʼakwan hona madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde.

AKCB: 60AKCB

Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛnsɛ medi wo mmara nsɛm so.

AKCB: 61AKCB

Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me,nanso me werɛ remfi wo mmara.

AKCB: 62AKCB

Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo,wo mmara a ɛteɛ nti.

AKCB: 63AKCB

Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo,wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa.

AKCB: 64AKCB

Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma;kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 65AKCB

Wo ne wo somfo nni no yiyesɛnea wʼasɛm te, Awurade.

AKCB: 66AKCB

Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa,efisɛ migye wo mmara nsɛm no di.

AKCB: 67AKCB

Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane,na mprempren de midi wʼasɛm so.

AKCB: 68AKCB

Wuye, na nea woyɛ nso ye;kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 69AKCB

Ahantanfo de atoro asra me ho de,nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.

AKCB: 70AKCB

Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema,nanso mʼani gye wo mmara ho.

AKCB: 71AKCB

Eye sɛ mihuu amanesɛnea mesua wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 72AKCB

Mmara a efi wʼanom no som bo ma mesen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem.

AKCB: 73AKCB

Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me;ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm.

AKCB: 74AKCB

Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye,efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

AKCB: 75AKCB

Awurade, minim sɛnea wo mmara te,na nokwaredi mu na woatwe mʼaso.

AKCB: 76AKCB

Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛsɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no.

AKCB: 77AKCB

Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa,efisɛ mʼani ka wo mmara ho.

AKCB: 78AKCB

Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa ntinanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho.

AKCB: 79AKCB

Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn,wɔn a wɔte wo mmara ase no.

AKCB: 80AKCB

Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho,na mʼanim angu ase.

AKCB: 81AKCB

Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti,nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

AKCB: 82AKCB

Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”

AKCB: 83AKCB

Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de,nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no.

AKCB: 84AKCB

Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn?Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?

AKCB: 85AKCB

Ahantanfo atu amoa de asum me afiri,a ɛne wo mmara bɔ abira.

AKCB: 86AKCB

Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso;boa me, efisɛ nnipa taa me kwa.

AKCB: 87AKCB

Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so,nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi.

AKCB: 88AKCB

Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te,na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so.

AKCB: 89AKCB

Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa;egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.

AKCB: 90AKCB

Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;wode asase sii hɔ, na etim hɔ.

AKCB: 91AKCB

Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ,na nneɛma nyinaa som wo.

AKCB: 92AKCB

Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,anka mʼamanehunu akum me.

AKCB: 93AKCB

Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no,efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.

AKCB: 94AKCB

Gye me nkwa, na meyɛ wo de;na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.

AKCB: 95AKCB

Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,nanso, misusuw wʼahyɛde ho.

AKCB: 96AKCB

Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem;nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye.

AKCB: 97AKCB

Ao, medɔ wo mmara no yiye!Midwinnwen ho da mu nyinaa.

AKCB: 98AKCB

Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.

AKCB: 99AKCB

Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.

AKCB: 100AKCB

Mewɔ ntease sen mpanyimfo,efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.

AKCB: 101AKCB

Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara sosɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm.

AKCB: 102AKCB

Memman mfii wo mmara ho,efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.

AKCB: 103AKCB

Wo nsɛm yɛ me dɛ,ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom.

AKCB: 104AKCB

Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu;enti mikyi ɔkwan bɔne biara.

AKCB: 105AKCB

Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kaneane me kwan so hann.

AKCB: 106AKCB

Maka ntam ahyɛ mu kena semedi wo trenee mmara no so.

AKCB: 107AKCB

Mahu amane bebree;kyɛe me nkwa so, Awurade, sɛnea wʼasɛm te.

AKCB: 108AKCB

Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu,na kyerɛkyerɛ me wo mmara.

AKCB: 109AKCB

Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de,nanso me werɛ remfi wo mmara.

AKCB: 110AKCB

Amumɔyɛfo asum me afiri,nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho.

AKCB: 111AKCB

Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ;ɛma me koma ani gye.

AKCB: 112AKCB

Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm soakosi awiei.

AKCB: 113AKCB

Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,na medɔ wo mmara.

AKCB: 114AKCB

Wone me guankɔbea ne me kyɛm;mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

AKCB: 115AKCB

Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo,na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so!

AKCB: 116AKCB

Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu;mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa.

AKCB: 117AKCB

So me mu, na menya ogye;na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no.

AKCB: 118AKCB

Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa,na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.

AKCB: 119AKCB

Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide;enti medɔ wʼahyɛde.

AKCB: 120AKCB

Wo ho suro ma me ho popo;wo mmara abɔ me hu.

AKCB: 121AKCB

Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ.Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so!

AKCB: 122AKCB

Hwɛ ma wo somfo nni yiye;mma ahantanfo nhyɛ me so.

AKCB: 123AKCB

Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu,ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no.

AKCB: 124AKCB

Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te,na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 125AKCB

Meyɛ wo somfo; ma me nhumuna mate wʼahyɛde ase.

AKCB: 126AKCB

Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi;wɔrebu wo mmara so.

AKCB: 127AKCB

Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛmsen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa,

AKCB: 128AKCB

na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti,mikyi ɔkwan bɔne biara.

AKCB: 129AKCB

Wʼahyɛde yɛ nwonwa;enti midi so.

AKCB: 130AKCB

Wo nsɛm asete ma hann;na ɛma ntetekwaa nya ntease.

AKCB: 131AKCB

Mibue mʼanom na migu ahome,na mʼani gyina wo mmara nsɛm.

AKCB: 132AKCB

Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔsɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

AKCB: 133AKCB

Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te;mma bɔne biara nni me so.

AKCB: 134AKCB

Gye me fi nnipa nhyɛso mu,na madi wo nkyerɛkyerɛ so.

AKCB: 135AKCB

Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo sona kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 136AKCB

Nsuten nisu aguare me,efisɛ nnipa nni wo mmara so.

AKCB: 137AKCB

Ɔtreneeni ne wo, Awurade,na wo mmara nso yɛ pɛ.

AKCB: 138AKCB

Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee;ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara.

AKCB: 139AKCB

Abufuw ahyɛ me ma,efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so.

AKCB: 140AKCB

Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara,na wo somfo dɔ wɔn.

AKCB: 141AKCB

Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de,nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ.

AKCB: 142AKCB

Wo trenee wɔ hɔ daa,na wo mmara no yɛ nokware.

AKCB: 143AKCB

Ɔhaw ne awerɛhow aba me so,nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw.

AKCB: 144AKCB

Wʼahyɛde yɛ nokware daa;ma me ntease na manya nkwa.

AKCB: 145AKCB

Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,na medi wo hyɛ nsɛm no so.

AKCB: 146AKCB

Misu mefrɛ wo, gye me nkwana midi wʼahyɛde so.

AKCB: 147AKCB

Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa;mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.

AKCB: 148AKCB

Mʼani gu so anadwo nyinaa,na misusuw wo bɔhyɛ ho.

AKCB: 149AKCB

Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te.

AKCB: 150AKCB

Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn,nanso wɔne wo mmara ntam ware.

AKCB: 151AKCB

Awurade, wo de, wobɛn me,na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.

AKCB: 152AKCB

Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛdea wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.

AKCB: 153AKCB

Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwaefisɛ me werɛ mfii wo mmara no.

AKCB: 154AKCB

Di mʼasɛm ma me na gye me;kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te.

AKCB: 155AKCB

Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware,efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no.

AKCB: 156AKCB

Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse;kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te.

AKCB: 157AKCB

Atamfo a wɔteetee me dɔɔso,nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho.

AKCB: 158AKCB

Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini,efisɛ wonni wʼasɛm so.

AKCB: 159AKCB

Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te.

AKCB: 160AKCB

Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware;na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da.

AKCB: 161AKCB

Sodifo taataa me kwa,nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro.

AKCB: 162AKCB

Mʼani gye wo bɔhyɛ hote sɛ obi a wanya asade kɛse.

AKCB: 163AKCB

Mikyi nkontompona medɔ wo mmara.

AKCB: 164AKCB

Mekamfo wo mpɛn ason da biara,wo mmara a ɛteɛ no nti.

AKCB: 165AKCB

Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso,na biribiara rentumi mma wonhintiw.

AKCB: 166AKCB

Awurade, metwɛn wo nkwagye,na midi wo mmara nsɛm so.

AKCB: 167AKCB

Midi wʼahyɛde sona medɔ no yiye.

AKCB: 168AKCB

Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so,na wunim mʼakwan nyinaa.

AKCB: 169AKCB

Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim;ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te.

AKCB: 170AKCB

Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim;na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te.

AKCB: 171AKCB

Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

AKCB: 172AKCB

Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.

AKCB: 173AKCB

Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me,efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu.

AKCB: 174AKCB

Awurade, mʼani agyina wo nkwagye,na wo mmara yɛ mʼanigyede.

AKCB: 175AKCB

Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo,na wo mmara nso awowaw me.

AKCB: 176AKCB

Mafom kwan sɛ oguan a wayera.Hwehwɛ wo somfo,efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ.