Skip to main content

Scripture

Nnwom 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

AKCB: 2AKCB

Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama sosɛ wɔbɛtow wɔ sum mude awɔ koma mu ahotefo.

AKCB: 3AKCB

Sɛ wɔresɛe fapem no a,dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”

AKCB: 4AKCB

Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu.

AKCB: 5AKCB

Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,ne kra kyi wɔn.

AKCB: 6AKCB

Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛwagu amumɔyɛfo so;na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.

AKCB: 7AKCB

Awurade yɛ ɔtreneeni,na ɔpɛ atɛntrenee;wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so.