Skip to main content

Scripture

Nnwom 118

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 118 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monna Awurade ase efisɛ oye,na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 2AKCB

Momma Israel nka se,“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

AKCB: 3AKCB

Momma Aaronfi nka se,“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

AKCB: 4AKCB

Momma wɔn a wosuro Awurade nka se,“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

AKCB: 5AKCB

Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

AKCB: 6AKCB

Awurade ne me boafo; enti merensuro.Dɛn na onipa betumi ayɛ me?

AKCB: 7AKCB

Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo.Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.

AKCB: 8AKCB

Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu,sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.

AKCB: 9AKCB

Eye sɛ yebehintaw Awurade mu,sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

AKCB: 10AKCB

Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae,nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

AKCB: 11AKCB

Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara,nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.

AKCB: 12AKCB

Wɔkyere guu me so sɛ nnowa,nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu; Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

AKCB: 13AKCB

Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,nanso Awurade boaa me.

AKCB: 14AKCB

Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ;wayɛ me nkwagye.

AKCB: 15AKCB

Osebɔ ne nkonimdigyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se,“Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!

AKCB: 16AKCB

Wɔama Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”

AKCB: 17AKCB

Merenwu, mmom mɛtena asena mapae mu aka nea Awurade ayɛ.

AKCB: 18AKCB

Awurade atwe mʼaso dennen,nanso onyaa me mmaa owu ɛ.

AKCB: 19AKCB

Bue trenee apon ma me;na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.

AKCB: 20AKCB

Awurade ponkɛse ni;ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.

AKCB: 21AKCB

Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so;na woayɛ me nkwagye.

AKCB: 22AKCB

Ɔbo a adansifo no poe no,abɛyɛ tweatibo.

AKCB: 23AKCB

Awurade na wayɛ eyi,na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.

AKCB: 24AKCB

Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ.Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.

AKCB: 25AKCB

Awurade, gye yɛn nkwa; Awurade, ma yɛn nkonimdi.

AKCB: 26AKCB

Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba.Yehyira wo fi Awurade fi.

AKCB: 27AKCB

Awurade yɛ Onyankopɔn,na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santennkɔ afɔremuka no mmɛn ho.

AKCB: 28AKCB

Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.

AKCB: 29AKCB

Monna Awurade ase, efisɛ oye;na nʼadɔe wɔ hɔ daa.