Skip to main content

Scripture

Nnwom 115

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 115 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn,na wo din na anuonyam nka,wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.

AKCB: 2AKCB

Adɛn nti na aman no bisa se,“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”

AKCB: 3AKCB

Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.

AKCB: 4AKCB

Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ awɔde onipa nsa na ayɛ.

AKCB: 5AKCB

Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa;wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.

AKCB: 6AKCB

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.

AKCB: 7AKCB

Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew.Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.

AKCB: 8AKCB

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

AKCB: 9AKCB

Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

AKCB: 10AKCB

Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

AKCB: 11AKCB

Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

AKCB: 12AKCB

Awurade kae yɛn na obehyira yɛn:Obehyira Israelfi,obehyira Aaronfi

AKCB: 13AKCB

Obehyira wɔn a wosuro Awurade,nketewa ne akɛse nyinaa.

AKCB: 14AKCB

Awurade mma wʼase nnɔ,wo ne wo mma.

AKCB: 15AKCB

Awurade nhyira wo,ɔsoro ne asase Yɛfo no.

AKCB: 16AKCB

Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de,nanso asase de, ɔde ama onipa.

AKCB: 17AKCB

Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awuradewɔn a wɔkɔ fam dinn no.

AKCB: 18AKCB

Yɛn na yɛma Awurade sonnɛ ne daa nyinaa.Monkamfo Awurade.