Skip to main content

Scripture

Nnwom 116

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 116 Bible text

AKCB: 1AKCB

Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.Ɔtee me mmɔborɔsu.

AKCB: 2AKCB

Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.

AKCB: 3AKCB

Owu ahama bebaree me,ɔda ho yawdi baa me so,ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.

AKCB: 4AKCB

Afei mebɔɔ Awurade din kae se,“Awurade, gye me nkwa!”

AKCB: 5AKCB

Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.

AKCB: 6AKCB

Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.

AKCB: 7AKCB

Nya abotɔyam bio, me kra,efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.

AKCB: 8AKCB

Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;woamma mʼani amporow nisu,na woamma mʼanan anhintiw

AKCB: 9AKCB

sɛ mɛnantew Awurade animwɔ ateasefo asase so.

AKCB: 10AKCB

Migye dii; ɛno nti mekae se,“Mewɔ ahohia kɛse mu.”

AKCB: 11AKCB

Na mʼahokyere mu mekae se,“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”

AKCB: 12AKCB

Dɛn na metumi de atua Awurade kawɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?

AKCB: 13AKCB

Mɛma nkwagye kuruwa no sona mabɔ Awurade din.

AKCB: 14AKCB

Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa sowɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.

AKCB: 15AKCB

Awurade nkoa nokwafo wusom bo wɔ Awurade ani so.

AKCB: 16AKCB

Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;woayi me afi me mpokyerɛ mu.

AKCB: 17AKCB

Mɛbɔ aseda afɔre ama wona mabɔ Awurade din.

AKCB: 18AKCB

Medi me ntam a maka Awurade no sowɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,

AKCB: 19AKCB

wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,wɔ wʼanim, Yerusalem.Monkamfo Awurade.