Skip to main content

Scripture

Nnwom 114

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 114 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Israelfo fii Misraim,na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

AKCB: 2AKCB

Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbeana Israel bɛyɛɛ nʼaheman.

AKCB: 3AKCB

Po no hwɛe, na eguanee,Yordan san nʼakyi;

AKCB: 4AKCB

Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.

AKCB: 5AKCB

Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee?Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?

AKCB: 6AKCB

Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini,na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?

AKCB: 7AKCB

Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,wɔ Yakob Nyankopɔn anim,

AKCB: 8AKCB

ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura,na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.