Skip to main content

Scripture

Nnwom 113

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 113 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no,monkamfo Awurade din.

AKCB: 2AKCB

Momma wɔnkamfo Awurade din,mprempren ne daa nyinaa.

AKCB: 3AKCB

Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,ma wɔnkamfo Awurade din.

AKCB: 4AKCB

Wɔama Awurade so aman nyinaa so,nʼanuonyam tra ɔsorosoro.

AKCB: 5AKCB

Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,

AKCB: 6AKCB

ɔno na ɔbɔ ne mu asehwɛ ɔsorosoro ne asase?

AKCB: 7AKCB

Ɔma ahiafo so fi mfutuma muna ɔma onnibi so fi nso siw so;

AKCB: 8AKCB

ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.

AKCB: 9AKCB

Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fisɛ ɔbeatan a nʼani gye.Monkamfo Awurade.