Skip to main content

Scripture

Nnwom 112

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 112 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Nhyira nka onipa a osuro Awuradena onya nʼahyɛde mu anigye pii.

AKCB: 2AKCB

Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so;atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira.

AKCB: 3AKCB

Ahonya ne sika wɔ ne fi,na ne trenee tena hɔ daa.

AKCB: 4AKCB

Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ,ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo.

AKCB: 5AKCB

Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa,wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.

AKCB: 6AKCB

Ampa ara ɔrenhinhim da biara da;wɔbɛkae onipa trenee daa.

AKCB: 7AKCB

Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu;ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu.

AKCB: 8AKCB

Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro;awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo.

AKCB: 9AKCB

Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia,nʼadɔe no tena hɔ daa;wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.

AKCB: 10AKCB

Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw,ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn;omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.