Skip to main content

Scripture

Nnwom 111

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 111 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade!Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade sowɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.

AKCB: 2AKCB

Awurade nnwuma yɛ akɛse;wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.

AKCB: 3AKCB

Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam,na ne trenee wɔ hɔ daa.

AKCB: 4AKCB

Ɔma yɛkae nʼanwonwade; Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

AKCB: 5AKCB

Ɔma wɔn a wosuro no no aduan;ɔkae nʼapam no daa.

AKCB: 6AKCB

Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.

AKCB: 7AKCB

Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ;nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.

AKCB: 8AKCB

Etim hɔ daa daa,nokware ne trenee mu na ɔyɛe.

AKCB: 9AKCB

Ɔde ogye maa ne nkurɔfo;ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

AKCB: 10AKCB

Awurade suro yɛ nyansa mfiase;wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.Ɔno na daa ayeyi wɔ no.