Skip to main content

Scripture

Nnwom 108

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 108 Bible text

AKCB: 1AKCB

Onyankopɔn, me koma asi pi;mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.

AKCB: 2AKCB

Munnyan, sanku ne bɛnta!Menyan anɔpahema.

AKCB: 3AKCB

Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman mu;mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu.

AKCB: 4AKCB

Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;wo nokwaredi du wim.

AKCB: 5AKCB

Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.

AKCB: 6AKCB

Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

AKCB: 7AKCB

Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem muna masusuw Sukot Bon.

AKCB: 8AKCB

Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;Efraim yɛ me dade kyɛw,Yuda yɛ mʼahempema.

AKCB: 9AKCB

Moab yɛ me guasɛn,Edom so na metow me mpaboa gu;na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”

AKCB: 10AKCB

Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

AKCB: 11AKCB

Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛnna wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

AKCB: 12AKCB

Boa yɛn tia ɔtamfo no,na ɔdesani mmoa nka hwee.

AKCB: 13AKCB

Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,na obetiatia yɛn atamfo so.Wɔde ma dwonkyerɛfo no.