Skip to main content

Scripture

Nnwom 109

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 109 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me Nyankopɔn a mekamfo wo,nyɛ komm,

AKCB: 2AKCB

na amumɔyɛfo ne nkontompofoatu wɔn ano agu me so;wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.

AKCB: 3AKCB

Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyiana wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.

AKCB: 4AKCB

Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka,nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.

AKCB: 5AKCB

Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.

AKCB: 6AKCB

Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;na Satan nnyina ne nsa nifa so.

AKCB: 7AKCB

Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ,na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.

AKCB: 8AKCB

Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.

AKCB: 9AKCB

Ma ne mma nyɛ ayisaana ne yere nyɛ okunafo.

AKCB: 10AKCB

Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade;ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.

AKCB: 11AKCB

Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa;na ananafo mfom nʼadwuma so aba.

AKCB: 12AKCB

Mma obiara nhu no,anaa ne ayisaa mmɔbɔ.

AKCB: 13AKCB

Ma nʼase nhyew,na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.

AKCB: 14AKCB

Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;na ne na bɔne no ntena hɔ daa.

AKCB: 15AKCB

Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.

AKCB: 16AKCB

Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe,na mmom ɔtaa ahiafommɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.

AKCB: 17AKCB

Nʼani gyee sɛ ɔbɛdomeenti nnome mmra no so;wampɛ sɛ obehyiraenti nhyira mmɔ no.

AKCB: 18AKCB

Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade;ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu,ne ne nnompe mu sɛ ngo.

AKCB: 19AKCB

Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho,ne abɔso a ɛbɔ no daa.

AKCB: 20AKCB

Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo,wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

AKCB: 21AKCB

Nanso wo Asafo Awurade,wo din nti wo ne me nni no yiye;fi wʼadɔe mu gye me.

AKCB: 22AKCB

Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi,na me koma atɔ beraw wɔ me mu.

AKCB: 23AKCB

Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma;wopia me kyene sɛ mmoadabi.

AKCB: 24AKCB

Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow;mafɔn, na ama aka me nnompe.

AKCB: 25AKCB

Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo;sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.

AKCB: 26AKCB

Boa me, Awurade me Nyankopɔn;gye me sɛnea wʼadɔe te.

AKCB: 27AKCB

Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa,na wo na woayɛ, Awurade.

AKCB: 28AKCB

Wɔbɛdome, nanso wubehyira;sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase,nanso wo somfo ani begye.

AKCB: 29AKCB

Mʼatamfo befura animguase;na akyekyere wɔn ho sɛ atade.

AKCB: 30AKCB

Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse;mɛkamfo no wɔ dɔm mu.

AKCB: 31AKCB

Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa sosɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.