Skip to main content

Scripture

Nnwom 107

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 107 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monna Awurade ase na oye;na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 2AKCB

Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;

AKCB: 3AKCB

wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no,efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.

AKCB: 4AKCB

Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so,a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.

AKCB: 5AKCB

Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔnna wɔtotɔɔ beraw.

AKCB: 6AKCB

Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.

AKCB: 7AKCB

Ɔde wɔn faa ɔkwan tee sobaa kuropɔn a wotumi tena mu no mu.

AKCB: 8AKCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa dane nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,

AKCB: 9AKCB

ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsuna ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.

AKCB: 10AKCB

Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu,nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,

AKCB: 11AKCB

efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atuana wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa.

AKCB: 12AKCB

Enti ogyaa wɔn maa adwumaden;wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo.

AKCB: 13AKCB

Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

AKCB: 14AKCB

Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu,na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

AKCB: 15AKCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa dane nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,

AKCB: 16AKCB

efisɛ obubu kɔbere mfrafra aponna otwitwa nnadeban mu.

AKCB: 17AKCB

Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti,na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti.

AKCB: 18AKCB

Wokyii aduan nyinaana wotwiw bɛnee owu pon ano.

AKCB: 19AKCB

Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu muna ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

AKCB: 20AKCB

Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare;na ogyee wɔn fii ɔda mu.

AKCB: 21AKCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa dane nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.

AKCB: 22AKCB

Momma wɔmmɔ aseda afɔrena wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.

AKCB: 23AKCB

Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so;wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so.

AKCB: 24AKCB

Wohuu Awurade nnwuma,nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu.

AKCB: 25AKCB

Ɔkasa maa ahum tuina ekukuru asorɔkye.

AKCB: 26AKCB

Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn;wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui.

AKCB: 27AKCB

Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo;na wonhu nea wɔnnyɛ bio.

AKCB: 28AKCB

Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.

AKCB: 29AKCB

Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;po so asorɔkye ano brɛɛ ase.

AKCB: 30AKCB

Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no,na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ.

AKCB: 31AKCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa dane nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.

AKCB: 32AKCB

Wɔmma no so wɔ asafo no muna wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase.

AKCB: 33AKCB

Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare,asuten yɛɛ asase wosee,

AKCB: 34AKCB

na asasebere dan nkyenenkyene,wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.

AKCB: 35AKCB

Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwana nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;

AKCB: 36AKCB

Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe,na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.

AKCB: 37AKCB

Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturona ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.

AKCB: 38AKCB

Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe.Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.

AKCB: 39AKCB

Afei wɔn dodow so huaneena nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;

AKCB: 40AKCB

nea obu abirɛmpɔn animtiaa noma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.

AKCB: 41AKCB

Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia muna ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.

AKCB: 42AKCB

Atreneefo hu ma wɔn ani gye,nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.

AKCB: 43AKCB

Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom,na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.