Skip to main content

Scripture

Nnwom 106

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 106 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade!Monna Awurade ase na oye;na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 2AKCB

Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ?Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?

AKCB: 3AKCB

Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee,na daa wɔyɛ nea eye.

AKCB: 4AKCB

Awurade, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me,sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me,

AKCB: 5AKCB

na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa,na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa,na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo.

AKCB: 6AKCB

Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no;yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.

AKCB: 7AKCB

Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no,wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho;wɔankae wʼadɔe bebrebe no,na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.

AKCB: 8AKCB

Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa,sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi.

AKCB: 9AKCB

Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee;ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so.

AKCB: 10AKCB

Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam;nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii.

AKCB: 11AKCB

Nsu kataa wɔn atamfo so;na ɔbaako mpo annya nkwa.

AKCB: 12AKCB

Afei wogyee ne bɔhyɛ no diina wɔtoo nʼayeyi nnwom.

AKCB: 13AKCB

Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛna wɔantwɛn nʼagyinatu.

AKCB: 14AKCB

Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ,asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,

AKCB: 15AKCB

enti ɔmaa wɔn nea wobisae,nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so.

AKCB: 16AKCB

Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mosene Aaron a Awurade atew ne ho no.

AKCB: 17AKCB

Asase mu bue ma ɛmenee Datanna esiee Abiram asafo no.

AKCB: 18AKCB

Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu;ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no.

AKCB: 19AKCB

Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horebna wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ.

AKCB: 20AKCB

Wɔsesaa wɔn Anuonyamwɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode.

AKCB: 21AKCB

Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa,nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no,

AKCB: 22AKCB

nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase sone nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no.

AKCB: 23AKCB

Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn,nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no,sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.

AKCB: 24AKCB

Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;na wɔannye ne bɔhyɛ no anni.

AKCB: 25AKCB

Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan muna wɔanyɛ osetie amma Awurade.

AKCB: 26AKCB

Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn seɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,

AKCB: 27AKCB

ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman muna wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.

AKCB: 28AKCB

Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor hona wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa;

AKCB: 29AKCB

wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuwna ɔyaredɔm sii wɔn mu.

AKCB: 30AKCB

Na Pinehas sɔre dii akagyinamu,na wosiw ɔyaredɔm no ano.

AKCB: 31AKCB

Wɔde eyi yɛɛ trenee maa nowɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu.

AKCB: 32AKCB

Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuw,na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so,

AKCB: 33AKCB

efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua,na asɛm a wannwene ho fii Mose anom.

AKCB: 34AKCB

Wɔansɛe nnipa nosɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no,

AKCB: 35AKCB

nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman noyɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.

AKCB: 36AKCB

Wɔsom wɔn ahoni,na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn.

AKCB: 37AKCB

Wɔde wɔn mmabarimane wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom.

AKCB: 38AKCB

Wɔkaa mogya a edi bem gui,wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya awɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni nomaa asase no ho guu fi.

AKCB: 39AKCB

Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi;wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman.

AKCB: 40AKCB

Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo;na okyii nʼagyapade.

AKCB: 41AKCB

Ɔdan wɔn maa amanaman no,na wɔn atamfo dii wɔn so.

AKCB: 42AKCB

Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn sona wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.

AKCB: 43AKCB

Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,nanso wɔkɔɔ so tew atuana wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.

AKCB: 44AKCB

Nanso ohuu wɔn ahohiahiabere a wosu frɛɛ no no.

AKCB: 45AKCB

Wɔn nti ɔkaee nʼapam no,na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ.

AKCB: 46AKCB

Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum nonyaa ahummɔbɔ maa wɔn.

AKCB: 47AKCB

Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn,na boaboa yɛn ano fi amanaman so,na yɛada wo din kronkron no ase,na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.

AKCB: 48AKCB

Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,emfi mmeresanten nkosi nnasanten.Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!”Monkamfo Awurade.