Skip to main content

Scripture

Nnwom 103

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 103 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me kra, kamfo Awurade;na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

AKCB: 2AKCB

Me kra, kamfo Awurade,na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa,

AKCB: 3AKCB

ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wona ɔsa wo nyarewa nyinaa,

AKCB: 4AKCB

ogye wo nkwa fi ɔda mu,na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri,

AKCB: 5AKCB

ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde,na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.

AKCB: 6AKCB

Awurade yɛ adetrenee,na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee.

AKCB: 7AKCB

Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe.

AKCB: 8AKCB

Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

AKCB: 9AKCB

Ɔrenkɔ so mmɔ sobo,na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;

AKCB: 10AKCB

Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfatana ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.

AKCB: 11AKCB

Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no,saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so.

AKCB: 12AKCB

Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

AKCB: 13AKCB

Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no,saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

AKCB: 14AKCB

na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn,ɔkae se yɛyɛ mfutuma.

AKCB: 15AKCB

Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare,ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren;

AKCB: 16AKCB

sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ,na ne sibea nkae no bio.

AKCB: 17AKCB

Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so,na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,

AKCB: 18AKCB

wɔn a wodi nʼapam no sona wɔkae di ne mmara so.

AKCB: 19AKCB

Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro,na nʼahenni di ade nyinaa so.

AKCB: 20AKCB

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo,mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde,mo a mutie nʼasɛm.

AKCB: 21AKCB

Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.

AKCB: 22AKCB

Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa;nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa.Me kra, kamfo Awurade!