Skip to main content

Scripture

Nnwom 102

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 102 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, tie me mpaebɔ;na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.

AKCB: 2AKCB

Mmfa wʼanim nhintaw mebere a mewɔ ahohia mu.Brɛ wʼaso ase ma me;na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.

AKCB: 3AKCB

Me nkwanna reyera te sɛ wusiw;me nnompe adɔ sɛ nyansramma.

AKCB: 4AKCB

Me koma abotow na akisa sɛ sare;na me kɔn nnɔ aduan.

AKCB: 5AKCB

Mʼapinisi dennen ntimaka ɔhonam ne nnompe.

AKCB: 6AKCB

Mete sɛ sare so patu,te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu.

AKCB: 7AKCB

Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛanomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.

AKCB: 8AKCB

Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia.Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome.

AKCB: 9AKCB

Mede nsõ ayɛ mʼaduanna mede nusu fra me nsu mu

AKCB: 10AKCB

esiane wʼabufuwhyew dennen no nti,woama me so, ayi me asi nkyɛn.

AKCB: 11AKCB

Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma;na mehyew sɛ sare.

AKCB: 12AKCB

Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.

AKCB: 13AKCB

Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ;bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ;bere a wohyɛe no aso.

AKCB: 14AKCB

Nʼabo som bo ma wʼasomfo;ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.

AKCB: 15AKCB

Amanaman no besuro Awurade din;asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.

AKCB: 16AKCB

Awurade bɛkyekyere Sion bio,na wapue wɔ nʼanuonyam mu.

AKCB: 17AKCB

Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ;na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

AKCB: 18AKCB

Monkyerɛw eyi mma nkyirimma,sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;

AKCB: 19AKCB

“Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ;ofi ɔsoro hwɛɛ asase,

AKCB: 20AKCB

sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi,na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”

AKCB: 21AKCB

Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sionna wɔakamfo no wɔ Yerusalem,

AKCB: 22AKCB

bere a amanaman ne ahenni ahorowbehyia mu na wɔasom Awurade.

AKCB: 23AKCB

Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin.Otwaa me nkwa nna so.

AKCB: 24AKCB

Enti mekae se,“Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.

AKCB: 25AKCB

Mfiase no wotoo asase fapem,na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

AKCB: 26AKCB

Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa;wɔbɛtetew te sɛ atade.Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama,na wɔbɛtow wɔn agu.

AKCB: 27AKCB

Nanso wote sɛnea wote,na wo mfe to rentwa da.

AKCB: 28AKCB

Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”