Skip to main content

Scripture

Nnwom 104

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 104 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me kra, kamfo Awurade! Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!Wɔafura wo tumi ne anuonyam.

AKCB: 2AKCB

Ɔde hann akata ne ho sɛ atade;ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,

AKCB: 3AKCB

na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnamna ɔde nantew mframa ntaban so.

AKCB: 4AKCB

Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa,na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.

AKCB: 5AKCB

Ɔde asase asi ne fapem sona ɛrenhinhim da.

AKCB: 6AKCB

Wode bun kataa so sɛ atadena nsu gyinaa mmepɔw no so.

AKCB: 7AKCB

Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;

AKCB: 8AKCB

Wɔsen faa mmepɔw so,kɔɔ aku mu tɔnn,koguu faako a wode ama wɔn no.

AKCB: 9AKCB

Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;na wɔammɛkata asase so bio.

AKCB: 10AKCB

Ɔma nsuwa sen fa abon mu,ɛsen fa mmepɔw ntam.

AKCB: 11AKCB

Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;atorɔm de kum wɔn sukɔm.

AKCB: 12AKCB

Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho;na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.

AKCB: 13AKCB

Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so;ne nnwuma so aba mee asase.

AKCB: 14AKCB

Ɔma sare fifi ma anantwi,na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnuana ɛmma aduan mfi asase mu:

AKCB: 15AKCB

nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam,ngo a ɛma onipa anim tɔ so,ne aduan a ekura onipa koma.

AKCB: 16AKCB

Wogugu Awurade nnua no so yiye,Lebanon sida a oduae no.

AKCB: 17AKCB

Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.

AKCB: 18AKCB

Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de;na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.

AKCB: 19AKCB

Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu,na owia nim bere a ɔkɔtɔ.

AKCB: 20AKCB

Wode sum ba ma ɛyɛ adesaena kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ.

AKCB: 21AKCB

Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam,wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ.

AKCB: 22AKCB

Owia pue ma wɔsan wɔn akyi;wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.

AKCB: 23AKCB

Afei, onipa kɔ nʼadwuma sokɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.

AKCB: 24AKCB

Awurade, wo nnwuma dɔɔso!Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;wʼabɔde ahyɛ asase so ma.

AKCB: 25AKCB

Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi,a abɔde bebree a enni ano;akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.

AKCB: 26AKCB

So na ahyɛn di akɔneaba,na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.

AKCB: 27AKCB

Wɔn nyinaa hwɛ wo kwansɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.

AKCB: 28AKCB

Wode ma wɔn a, wɔtase;wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.

AKCB: 29AKCB

Wode wʼanim hintaw wɔn a,wɔbɔ hu;sɛ wugye wɔn home a,wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu.

AKCB: 30AKCB

Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn ana wɔabɔ wɔn,na woyɛ asase ani foforo.

AKCB: 31AKCB

Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa;ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,

AKCB: 32AKCB

nea ɔhwɛ asase na ɛwosow,na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.

AKCB: 33AKCB

Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.

AKCB: 34AKCB

Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼanibere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.

AKCB: 35AKCB

Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so;na amumɔyɛfo ase nhyew.Me kra, kamfo Awurade.Kamfo Awurade.