Scripture
Nnwom 101
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 101 Bible text
Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew;da bɛn na wobɛba me nkyɛn?Mede koma a afɔdi nni mubɛhwɛ me fi so.
Merennye ade a ɛyɛ tanbiara nto mu.Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe;meremfa me ho mmata ho.
Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no,ɔno na mɛsɛe;nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma,ɔno na merennyigye no so.
Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no sona me ne wɔn atena;nea ne nantew ho nni asɛm noɔno na ɔbɛsom me.
Adekyee biara,mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa;na mapam ɔdebɔneyɛni biaraafi Awurade kuropɔn mu.