Skip to main content

Scripture

Nnwom 100

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 100 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.

AKCB: 2AKCB

Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade;momfa anigye nnwom mmra nʼanim.

AKCB: 3AKCB

Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.

AKCB: 4AKCB

Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

AKCB: 5AKCB

Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.