Scripture
Nnwom 99
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 99 Bible text
Awurade di hene,momma amanaman no ho mpopo;ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam,ma asase nwosow.
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho,na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;wɔfrɛɛ Awurade,na ogyee wɔn so.
Awurade, yɛn Nyankopɔn,wugyee wɔn so;woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel,nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
Momma Awurade yɛn Nyankopɔn sona monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so,na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.