Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 9

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 9 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nyansa asi ne fi;wasisi nʼafadum ason.

AKCB: 2AKCB

Wasiesie ne nam de afra ne nsa,wato ne pon.

AKCB: 3AKCB

Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛfi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,

AKCB: 4AKCB

“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!”Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

AKCB: 5AKCB

“Mommra mmedi mʼaduanna monnom nsa a mafra no.

AKCB: 6AKCB

Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa;monnantew ntease akwan so.”

AKCB: 7AKCB

Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ;na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.

AKCB: 8AKCB

Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo;ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

AKCB: 9AKCB

Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa;kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

AKCB: 10AKCB

Awurade suro yɛ nyansa mfiaseƆkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.

AKCB: 11AKCB

Me mu na wo nna bɛdɔɔso,na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.

AKCB: 12AKCB

Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso;sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.

AKCB: 13AKCB

Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo;onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.

AKCB: 14AKCB

Ɔte ne fi pon ano,na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

AKCB: 15AKCB

na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ,wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,

AKCB: 16AKCB

“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha”ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

AKCB: 17AKCB

“Nsu a wowia no yɛ fremfremna aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!”

AKCB: 18AKCB

Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔsɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn.