Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Tie: Nyansa refrɛ.Ntease ma ne nne so.

AKCB: 2AKCB

Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,

AKCB: 3AKCB

apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho,ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,

AKCB: 4AKCB

“Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ;meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew;mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.

AKCB: 6AKCB

Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;mibue mʼano ka nea eye.

AKCB: 7AKCB

Mʼano ka nea ɛyɛ nokware,efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.

AKCB: 8AKCB

Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ;biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

AKCB: 9AKCB

Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu;ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

AKCB: 10AKCB

Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.

AKCB: 11AKCB

Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota,na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.

AKCB: 12AKCB

“Me, nyansa, mene anitew na ɛte;nimdeɛ ne nhumu wɔ me.

AKCB: 13AKCB

Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne;mikyi ahantan ne ahomaso,ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

AKCB: 14AKCB

Afotu ne atemmu pa wɔ me;mewɔ ntease ne tumi.

AKCB: 15AKCB

Me so na ahemfo nam di adena sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;

AKCB: 16AKCB

Mmapɔmma de me bu ɔmanne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.

AKCB: 17AKCB

Medɔ wɔn a wɔdɔ me,na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.

AKCB: 18AKCB

Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn,ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.

AKCB: 19AKCB

Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa;nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.

AKCB: 20AKCB

Trenee akwan so na menam,atɛntrenee akwan so,

AKCB: 21AKCB

mede ahode ma wɔn a wɔdɔ mena mehyɛ wɔn adekoradan amaama.

AKCB: 22AKCB

“Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakandii ne tete nneyɛe anim;

AKCB: 23AKCB

oyii me sii hɔ fi tete,ansa na wiase refi ase.

AKCB: 24AKCB

Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no,ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,

AKCB: 25AKCB

ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ;wɔwoo me ansa na nkoko reba,

AKCB: 26AKCB

ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuwanaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.

AKCB: 27AKCB

Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro,bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,

AKCB: 28AKCB

bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ sorona ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no;

AKCB: 29AKCB

bere a otwaa ɔhye maa posɛnea nsu no rentra ne hye,ne bere a otwaa asase fapem no,

AKCB: 30AKCB

na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn.Anigye hyɛɛ me ma daana midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,

AKCB: 31AKCB

na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa muna mʼani ka wɔ adesamma mu.

AKCB: 32AKCB

“Enti me mma, muntie me;nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.

AKCB: 33AKCB

Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa;mummmu mo ani ngu so.

AKCB: 34AKCB

Nhyira ne onipa a otie me,ɔwɛn mʼabobow ano daa,na ɔtwɛn wɔ hɔ.

AKCB: 35AKCB

Na obiara a ohu me no nya nkwa,na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.

AKCB: 36AKCB

Na nea wanhwehwɛ me no haw ne hona wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”