Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

Salomo mmebusɛm:Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.

AKCB: 2AKCB

Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo,nanso trenee gye onipa fi owu mu.

AKCB: 3AKCB

Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneenina omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.

AKCB: 4AKCB

Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.

AKCB: 5AKCB

Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafona nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.

AKCB: 6AKCB

Atreneefo hyɛ nhyira kyɛwna akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

AKCB: 7AKCB

Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira,na omumɔyɛfo din bɛporɔw.

AKCB: 8AKCB

Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm,na ɔkwasea kasafo hwe ase.

AKCB: 9AKCB

Ɔnokwafo nantew dwoodwoo,na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

AKCB: 10AKCB

Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,na ɔkwasea kasafo hwe ase.

AKCB: 11AKCB

Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti,na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

AKCB: 12AKCB

Ɔtan kanyan mpaapaemu,nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.

AKCB: 13AKCB

Wohu nyansa wɔ nhumufo anom,na abaa fata nea onni adwene akyi.

AKCB: 14AKCB

Anyansafo kora nimdeɛ,nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.

AKCB: 15AKCB

Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.

AKCB: 16AKCB

Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn,na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.

AKCB: 17AKCB

Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.

AKCB: 18AKCB

Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo,na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.

AKCB: 19AKCB

Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.

AKCB: 20AKCB

Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasananso omumɔyɛfo koma nni bo.

AKCB: 21AKCB

Atreneefo ano ma bebree aduan,na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.

AKCB: 22AKCB

Awurade nhyira de ahonya ba,na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.

AKCB: 23AKCB

Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea,nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.

AKCB: 24AKCB

Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so;na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.

AKCB: 25AKCB

Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera,nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.

AKCB: 26AKCB

Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no,saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.

AKCB: 27AKCB

Awurade suro ma nkwa tenten,nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.

AKCB: 28AKCB

Atreneefo anidaso de ahotɔ ba,nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.

AKCB: 29AKCB

Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni,nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

AKCB: 30AKCB

Wɔrentɔre atreneefo ase da,nanso amumɔyɛfo renka asase no so.

AKCB: 31AKCB

Nyansa fi ɔtreneeni anom bananso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.

AKCB: 32AKCB

Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfatana omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.