Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me ba, fa me nsɛm siena kora mʼahyɛde wɔ wo mu.

AKCB: 2AKCB

Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.

AKCB: 3AKCB

Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.

AKCB: 4AKCB

Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”na frɛ ntease wo busuani;

AKCB: 5AKCB

Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.

AKCB: 6AKCB

Me fi mfɛnsere ano,mede mʼani faa mfɛnsere mu.

AKCB: 7AKCB

Mihuu wɔ ntetekwaafo mu,mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow,ɔbabun a onni adwene.

AKCB: 8AKCB

Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi soa nʼani kyerɛ ɔbea no fi

AKCB: 9AKCB

bere a onwini redwo,na anim rebiribiri no.

AKCB: 10AKCB

Afei ɔbea bi fi behyiaa no awasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.

AKCB: 11AKCB

(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,ɔntena fie koraa;

AKCB: 12AKCB

nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea,ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)

AKCB: 13AKCB

Osoo ne mu few nʼano,wamfɛre, na ɔkae se,

AKCB: 14AKCB

“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie;nnɛ madi me bɔhyɛ so.

AKCB: 15AKCB

Enti mebae sɛ merebehyia wo;mehwehwɛɛ wo na mahu wo!

AKCB: 16AKCB

Mato me mpa,mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.

AKCB: 17AKCB

Mede nnuhuam apete me mpa so:kurobow, pɛprɛ ne dupapo.

AKCB: 18AKCB

Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;

AKCB: 19AKCB

Me kunu nni fie;watu kwan na ɔbɛkyɛ.

AKCB: 20AKCB

Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku mana ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”

AKCB: 21AKCB

Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa;ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.

AKCB: 22AKCB

Odii nʼakyi prɛko pɛte sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii,anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu

AKCB: 23AKCB

kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu,te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri muna onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

AKCB: 24AKCB

Na afei, me mma, muntie me;monyɛ aso mma nea meka.

AKCB: 25AKCB

Mommma mo koma mpatiri nkɔ no sona momman mmfa nʼakwan so.

AKCB: 26AKCB

Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase;wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

AKCB: 27AKCB

Ne fi yɛ ɔda tempɔn aɛkɔ owu pia mu.