Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

AKCB: 2AKCB

sɛ nea wokae ayi ka ama wona sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,

AKCB: 3AKCB

ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho,sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti:fa ahobrɛase kɔ nʼanim;na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

AKCB: 4AKCB

Mma wʼani nkumna ntɔ nko.

AKCB: 5AKCB

Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsamanaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.

AKCB: 6AKCB

Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn;hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!

AKCB: 7AKCB

Onni ɔsahene,onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,

AKCB: 8AKCB

nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu,ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere.

AKCB: 9AKCB

Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?Wubenyan bere bɛn?

AKCB: 10AKCB

Nna kakra, nkotɔ kakra,nsa a woabobɔw de rehome kakra,

AKCB: 11AKCB

ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafona ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.

AKCB: 12AKCB

Onipa teta ne ohuhuni aodi atoro kyin,

AKCB: 13AKCB

nea obu nʼani,na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnnena ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade,

AKCB: 14AKCB

nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne,na ɔde mpaapaemu ba bere biara.

AKCB: 15AKCB

Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ;wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru.

AKCB: 16AKCB

Nneɛma asia na Awurade mpɛ,nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade:

AKCB: 17AKCB

ani a ɛtra ntɔn,atoro tɛkrɛma,nsa a ɛka mogya a edi bem gu,

AKCB: 18AKCB

koma a edwen amumɔyɛ ho,anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne,

AKCB: 19AKCB

ɔdansekurumni a odi atorone onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

AKCB: 20AKCB

Me ba, tie wʼagya ahyɛdena nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.

AKCB: 21AKCB

Fa kyekyere wo koma ho daa;na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

AKCB: 22AKCB

Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

AKCB: 23AKCB

Na saa ahyɛde yi yɛ kaneasaa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,na ahohyɛso nteɛso yiyɛ nkwa kwan,

AKCB: 24AKCB

ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho,fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho.

AKCB: 25AKCB

Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ,mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

AKCB: 26AKCB

efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin,na obi yere gyigye wo kɔ owu mu.

AKCB: 27AKCB

Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so anhyew nʼatade ana?

AKCB: 28AKCB

Obi betumi anantew nnyansramma so ampumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?

AKCB: 29AKCB

Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te;obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.

AKCB: 30AKCB

Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaasɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.

AKCB: 31AKCB

Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason;sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.

AKCB: 32AKCB

Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

AKCB: 33AKCB

Ɔhwe ne animguase na obenya,na nʼahohora rempepa da.

AKCB: 34AKCB

Ninkutwe hwanyan okunu abufuwna sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.

AKCB: 35AKCB

Ɔrennye mpata biara;na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.