Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me ba, yɛ aso ma me nyansa;tie me nhumu nsɛm no yiye,

AKCB: 2AKCB

sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye,na wʼano akora nimdeɛ.

AKCB: 3AKCB

Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;

AKCB: 4AKCB

nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.

AKCB: 5AKCB

Nʼanan kɔ owu mu;nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee.

AKCB: 6AKCB

Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.

AKCB: 7AKCB

Enti afei, me mma, muntie me;Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.

AKCB: 8AKCB

Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;mommmɛn ne fi pon ano,

AKCB: 9AKCB

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforona mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

AKCB: 10AKCB

anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyadena mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.

AKCB: 11AKCB

Mo nkwanna akyi, mubesi apini,bere a mo honam ne mo nipadua asa no.

AKCB: 12AKCB

Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso!Me koma ampɛ nteɛso!

AKCB: 13AKCB

Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfona mantie me kwankyerɛfo asɛm.

AKCB: 14AKCB

Madu ɔsɛe anowɔ asafo no nyinaa mu.”

AKCB: 15AKCB

Nom nsu fi wʼankasa ahina mu,nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.

AKCB: 16AKCB

So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten sona wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?

AKCB: 17AKCB

Ma ɛnyɛ wo nko ara de,a wo ne ahɔho nkyɛ da.

AKCB: 18AKCB

Nhyira nka wʼasuburana wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.

AKCB: 19AKCB

Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;ma ne nufu nsɔ wʼani daana ne dɔ nkyekyere wo.

AKCB: 20AKCB

Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?

AKCB: 21AKCB

Awurade hu onipa akwan nyinaa,na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

AKCB: 22AKCB

Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri;na ne bɔne ahama kyekyere no papee.

AKCB: 23AKCB

Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti,na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.