Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ;monyɛ aso na moanya ntease.

AKCB: 2AKCB

Mema mo adesua a ɛkɔ anim,enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

AKCB: 3AKCB

Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima,meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.

AKCB: 4AKCB

Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se,“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm,di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

AKCB: 5AKCB

Nya nyansa, nya ntease;mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

AKCB: 6AKCB

Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

AKCB: 7AKCB

Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

AKCB: 8AKCB

Di no ni na ɛbɛma wo so;yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

AKCB: 9AKCB

Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti sona wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”

AKCB: 10AKCB

Me ba, tie na fa nea meka no,na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

AKCB: 11AKCB

Mɛkyerɛ wo nyansa kwan sona mede wo afa akwan a ɛteɛ so.

AKCB: 12AKCB

Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waana sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

AKCB: 13AKCB

Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

AKCB: 14AKCB

Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan sona nnantew abɔnefo kwan so.

AKCB: 15AKCB

Kwati no, ntu kwan mfa so;dan fi so na kɔ wo kwan.

AKCB: 16AKCB

Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna;na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

AKCB: 17AKCB

Wodi amumɔyɛsɛm brodo,na wɔnom kitikitiyɛ nsa.

AKCB: 18AKCB

Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan,ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.

AKCB: 19AKCB

Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii;wonnim nea ɛma wohintiw.

AKCB: 20AKCB

Me ba, yɛ aso ma nea meka;tie me nsɛm no yiye.

AKCB: 21AKCB

Mma emfi wʼani so,fa sie wo koma mu;

AKCB: 22AKCB

efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohune akwahosan ma nipadua no nyinaa.

AKCB: 23AKCB

Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

AKCB: 24AKCB

Mma oburu kasa mfi wʼano;mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

AKCB: 25AKCB

Hwɛ wʼanim tee,na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

AKCB: 26AKCB

Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼananna fa akwan a atim so.

AKCB: 27AKCB

Mman mfa nifa anaa benkum;twe wo nan fi bɔne ho.