Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,kora me mmara wɔ wo koma mu,

AKCB: 2AKCB

na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebreena ɛde yiyedi abrɛ wo.

AKCB: 3AKCB

Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛnfa yan wo kɔn mukyerɛw gu wo koma pon so.

AKCB: 4AKCB

Na wubenya adom ne din pawɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

AKCB: 5AKCB

Fa wo koma nyinaa to Awurade so,na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;

AKCB: 6AKCB

hu no wʼakwan nyinaa mu,na ɔbɛteɛ wʼakwan.

AKCB: 7AKCB

Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;suro Awurade na kyi bɔne.

AKCB: 8AKCB

Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua,na ayɛ aduan ama wo nnompe.

AKCB: 9AKCB

Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam,ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;

AKCB: 10AKCB

na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,na nsa foforo abu afa wʼahina so.

AKCB: 11AKCB

Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,na mmu nʼanimka so,

AKCB: 12AKCB

Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.

AKCB: 13AKCB

Nhyira nka onipa a ohu nyansa,onipa a onya ntease,

AKCB: 14AKCB

efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ,na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ.

AKCB: 15AKCB

Ne bo yɛ den sen bota;na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho.

AKCB: 16AKCB

Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

AKCB: 17AKCB

Nʼakwan yɛ ahomeka,na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.

AKCB: 18AKCB

Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu;wɔn a wokura no mu no benya nhyira.

AKCB: 19AKCB

Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.

AKCB: 20AKCB

Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu,na omununkum nso tɔɔ obosu.

AKCB: 21AKCB

Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie,na mma emfi wʼani so;

AKCB: 22AKCB

ɛbɛyɛ nkwa ama wo,nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.

AKCB: 23AKCB

Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,na wo nan renhintiw;

AKCB: 24AKCB

sɛ woda a worensuro;sɛ woda a wʼani bekum.

AKCB: 25AKCB

Nsuro mpofirim amanehunuanaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,

AKCB: 26AKCB

efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafana ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.

AKCB: 27AKCB

Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,bere a tumi wɔ wo nsam.

AKCB: 28AKCB

Nka nkyerɛ wo yɔnko se:“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”wɔ bere a wowɔ no saa bere no.

AKCB: 29AKCB

Mpam ɔhaw mma wo yɔnkobere a ɔne wo te yiye.

AKCB: 30AKCB

Mmɔ obi sobo kwabere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.

AKCB: 31AKCB

Mma wʼani mmere basabasayɛfo,na mfa nʼakwan no mu biara,

AKCB: 32AKCB

efisɛ Awurade kyi basabasayɛfona ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.

AKCB: 33AKCB

Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so,na ohyira ɔtreneeni fi.

AKCB: 34AKCB

Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw,na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.

AKCB: 35AKCB

Anyansafo benya anuonyam adi,nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.