Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 31

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 31 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no:

AKCB: 2AKCB

Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba,Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae!

AKCB: 3AKCB

Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea ho,wɔn a wogu ahemfo asu no.

AKCB: 4AKCB

Enye mma ahemfo, Lemuel,asanom nye mma ahemfo,ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho;

AKCB: 5AKCB

sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka,na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa.

AKCB: 6AKCB

Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe,na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

AKCB: 7AKCB

Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia,na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio.

AKCB: 8AKCB

Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho,kasa ma mmɔborɔfo yiyedi.

AKCB: 9AKCB

Kasa na bu atɛntrenee;kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi.

AKCB: 10AKCB

Ɔyere pa, hena na obenya?Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.

AKCB: 11AKCB

Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara,na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.

AKCB: 12AKCB

Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,ne nkwanna nyinaa mu.

AKCB: 13AKCB

Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawana ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.

AKCB: 14AKCB

Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn,ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.

AKCB: 15AKCB

Ade nnya nkyee no na wasɔre;osiesie aduan ma nʼabusuafona ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

AKCB: 16AKCB

Osusuw afuw ho na ɔtɔ;ofi nea onya mu yɛ bobeturo.

AKCB: 17AKCB

Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

AKCB: 18AKCB

Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso,na ne kanea anum anadwo.

AKCB: 19AKCB

Daa, na ne nsa kura tadua mua ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

AKCB: 20AKCB

Ogow ne nsam ma ahiafona ne nsa so ohiani so.

AKCB: 21AKCB

Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho;efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw.

AKCB: 22AKCB

Ɔyɛ ne mpasotam;na ofura nwera ne sirikyi ntama.

AKCB: 23AKCB

Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano,faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena.

AKCB: 24AKCB

Ɔpempam nwera ntade tontɔn,na otu nkyekyeremu ma aguadifo.

AKCB: 25AKCB

Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam;na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

AKCB: 26AKCB

Ɔkasa nyansa mu,na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

AKCB: 27AKCB

Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma sona onnyigye anihaw so.

AKCB: 28AKCB

Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,

AKCB: 29AKCB

“Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ dinna wo de, wosen wɔn nyinaa.”

AKCB: 30AKCB

Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so;nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.

AKCB: 31AKCB

Fa abasobɔde a wanya no ma no,na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.