Scripture
Mmebusɛm 30
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmebusɛm 30 Bible text
Yake babarima Agur nsɛm a ɔkae a ɛyɛ nkuranhyɛ:Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal se:
Hena na waforo akɔ ɔsoro na wasian aba fam?Hena na wabɔ mframa boa wɔ ne nsam?Hena na ɔde nʼatade abɔ nsu boa?Hena na ɔbɔɔ asase tamaa yi?Ne din de dɛn, na ne babarima nso din de dɛn?Sɛ wunim a ka kyerɛ me!
ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa;mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo;nanso ma me me daa aduan nkutoo.
Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wona maka se, ‘Hena ne Awurade?’Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn,na ama magu me Nyankopɔn din ho fi.
wɔn a wɔn se yɛ afoana asekan hyehyɛ wɔn abogye muwɔn na wɔbɛtɔre ahiafo ase afi asase so,na wɔayi ahiafo afi adesamma mu.
“Amemem wɔ mmabea baanua wɔteɛ mu se, ‘Fa ma! Fa ma!’ “Nneɛma abiɛsa na ɛmmee daanan na ɛnka da se, ‘Eye!’
Ɔkwan a ɔkɔre nam so wɔ wim,sɛnea ɔwɔ nantew ɔbotan so,ɔkwan a hyɛn nam so wɔ po tamaa so,ne sɛnea ɔbarima dɔ ababaa.
Sɛnea wɔka nufusu nu mu a srade fi mu ba,na wokyinkyim hwene a etu mogya no,saa ara na abufuw de akasakasa ba.”