Scripture
Ɔsɛnkafo 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafo 1 Bible text
Mframa bɔ kɔ anafo famna ɛdan hwɛ atifi fam;ekyinkyin kɔ baabiara,na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,nanso po nyɛ ma da.Faako a nsubɔnten no fi nohɔ na wɔsan kɔ bio.
Biribiara yɛ ɔbrɛa ɛboro nea obi bɛka so.Ani nhwɛ ade nwie dana aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.
Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:“Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana?Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee;ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so!
Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.”
Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.