Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 29

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 29 Bible text

AKCB: 1AKCB

Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi nowɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.

AKCB: 2AKCB

Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi;sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.

AKCB: 3AKCB

Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.

AKCB: 4AKCB

Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe,nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.

AKCB: 5AKCB

Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko nosum ne nan afiri.

AKCB: 6AKCB

Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri,nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.

AKCB: 7AKCB

Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo,nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.

AKCB: 8AKCB

Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu,nanso anyansafo sianka abufuw.

AKCB: 9AKCB

Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a,ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.

AKCB: 10AKCB

Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo,na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.

AKCB: 11AKCB

Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,nanso onyansafo hyɛ ne ho so.

AKCB: 12AKCB

Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a,nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.

AKCB: 13AKCB

Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.

AKCB: 14AKCB

Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a,nʼahengua betim hɔ daa.

AKCB: 15AKCB

Nteɛso abaa ma nyansa,na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.

AKCB: 16AKCB

Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so,na atreneefo behu wɔn asehwe.

AKCB: 17AKCB

Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe;ɔbɛma wo kra ani agye.

AKCB: 18AKCB

Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa;na nhyira nka nea odi mmara so.

AKCB: 19AKCB

Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo;ɔte ase de, nanso ɔremfa.

AKCB: 20AKCB

Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana?Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.

AKCB: 21AKCB

Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a,awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.

AKCB: 22AKCB

Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba,na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.

AKCB: 23AKCB

Onipa ahomaso brɛ no ase,nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.

AKCB: 24AKCB

Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho.Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.

AKCB: 25AKCB

Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.

AKCB: 26AKCB

Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa,nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.

AKCB: 27AKCB

Atreneefo kyi atorofo;na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.