Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 28

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 28 Bible text

AKCB: 1AKCB

Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no,nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.

AKCB: 2AKCB

Atuatewman nya sodifo pii,nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.

AKCB: 3AKCB

Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so note sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.

AKCB: 4AKCB

Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo,na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.

AKCB: 5AKCB

Abɔnefo nte atɛntrenee ase,nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.

AKCB: 6AKCB

Ohiani a ne nantew ho nni asɛmye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.

AKCB: 7AKCB

Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu,nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.

AKCB: 8AKCB

Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no,ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.

AKCB: 9AKCB

Sɛ obi nni mmara so a,ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.

AKCB: 10AKCB

Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so nobɛhwe ɔno ankasa afiri mu,nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.

AKCB: 11AKCB

Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so,nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.

AKCB: 12AKCB

Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii;nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.

AKCB: 13AKCB

Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.

AKCB: 14AKCB

Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa,nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.

AKCB: 15AKCB

Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so note sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.

AKCB: 16AKCB

Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene,na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.

AKCB: 17AKCB

Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ nobɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da;wɔmma obiara nsiw no kwan.

AKCB: 18AKCB

Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu,nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

AKCB: 19AKCB

Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii,nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.

AKCB: 20AKCB

Wobehyira onipa nokwafo pii,na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.

AKCB: 21AKCB

Nhwɛanim nye,nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.

AKCB: 22AKCB

Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefona onnim sɛ ohia retwɛn no.

AKCB: 23AKCB

Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri noasen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

AKCB: 24AKCB

Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔnna ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,”ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.

AKCB: 25AKCB

Odifudepɛfo de mpaapaemu bana nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.

AKCB: 26AKCB

Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea,na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.

AKCB: 27AKCB

Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no,nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

AKCB: 28AKCB

Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw;na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.