Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,na wunnim nea ɛda bi de bɛba.

AKCB: 2AKCB

Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa;ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.

AKCB: 3AKCB

Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa,nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.

AKCB: 4AKCB

Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade,na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?

AKCB: 5AKCB

Animka a ɛda guaye sen ɔdɔ a asuma.

AKCB: 6AKCB

Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no yesen ɔtamfo mfewano bebrebe.

AKCB: 7AKCB

Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ,nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.

AKCB: 8AKCB

Onipa a wayera ne fi kwan,te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.

AKCB: 9AKCB

Ngo ne aduhuam ma koma ani gye,adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.

AKCB: 10AKCB

Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

AKCB: 11AKCB

Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye;ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.

AKCB: 12AKCB

Mmadwemma hu asiane na wohintaw,nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

AKCB: 13AKCB

Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu;sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

AKCB: 14AKCB

Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a,wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

AKCB: 15AKCB

Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;

AKCB: 16AKCB

sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframaanaa wode wo nsa beso ngo mu.

AKCB: 17AKCB

Dade sew dade,saa ara na onipa sew ɔfoforo.

AKCB: 18AKCB

Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba,na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.

AKCB: 19AKCB

Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no,saa ara na onipa koma da onipa no adi.

AKCB: 20AKCB

Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no,saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

AKCB: 21AKCB

Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.

AKCB: 22AKCB

Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu,sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a,worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.

AKCB: 23AKCB

Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea,na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;

AKCB: 24AKCB

efisɛ, ahonya ntena hɔ daa,na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.

AKCB: 25AKCB

Sɛ wotwa sare no na foforo fifi,na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,

AKCB: 26AKCB

ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama,na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.

AKCB: 27AKCB

Wubenya mmirekyi nufusu bebreeama wo ne wʼabusuafo adine aduan ama wo mmaawa.