Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no,saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.

AKCB: 2AKCB

Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no,saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

AKCB: 3AKCB

Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.

AKCB: 4AKCB

Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae,anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

AKCB: 5AKCB

Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae,anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.

AKCB: 6AKCB

Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.

AKCB: 7AKCB

Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

AKCB: 8AKCB

Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo sote sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

AKCB: 9AKCB

Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita note sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

AKCB: 10AKCB

Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa note sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.

AKCB: 11AKCB

Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no,saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

AKCB: 12AKCB

Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana?Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.

AKCB: 13AKCB

Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu,gyatakeka nenam mmɔnten no so!”

AKCB: 14AKCB

Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no,saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.

AKCB: 15AKCB

Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.

AKCB: 16AKCB

Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani sosen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.

AKCB: 17AKCB

Obi a oso ɔkraman aso twe no note sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.

AKCB: 18AKCB

Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuoanaa agyanwerɛmfo no

AKCB: 19AKCB

te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnkona ɔka se, “Na mede redi agoru!”

AKCB: 20AKCB

Nnyansin hi a ogya dum;nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.

AKCB: 21AKCB

Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no,saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.

AKCB: 22AKCB

Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

AKCB: 23AKCB

Sɛnea ama kata asankagow ho nosaa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.

AKCB: 24AKCB

Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye,nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.

AKCB: 25AKCB

Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni,efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.

AKCB: 26AKCB

Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu.

AKCB: 27AKCB

Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu;sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.

AKCB: 28AKCB

Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi,na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.