Scripture
Mmebusɛm 25
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmebusɛm 25 Bible text
Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,”sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim.Nea wode wʼani ahu no
Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata note sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛde atuatua dwetɛ nsiesiei mu.
Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛdete sɛ onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no.
Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo wɔ otwabere mu no,saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no;na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no,te sɛ nea ɔpa ntama gu awɔwbere muanaa te sɛ nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so.