Scripture
Mmebusɛm 24
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmebusɛm 24 Bible text
Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,”nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana?Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana?Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?
Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio,na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase.
efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim;na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba?
Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no,nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo,na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.