Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 23

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 23 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,hwɛ nea esi wʼanim no yiye,

AKCB: 2AKCB

Sɛ woyɛ adidibrada a,hyɛ wo ho so.

AKCB: 3AKCB

Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,efisɛ saa aduan no daadaa nnipa.

AKCB: 4AKCB

Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;hu nyansa na tɔ wo bo ase.

AKCB: 5AKCB

Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,ampa ara ebefuw ntabanna atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.

AKCB: 6AKCB

Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan,nni nʼakɔnnɔ aduan akyi;

AKCB: 7AKCB

efisɛ ɔyɛ obi abere biara osusuw sika ho.Ɔka se, “Didi na nom,”nanso ɛnyɛ ne koma mu.

AKCB: 8AKCB

Kakra a woadi no wobɛfe,na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso.

AKCB: 9AKCB

Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.

AKCB: 10AKCB

Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu,na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,

AKCB: 11AKCB

efisɛ wɔn Gyefo yɛ den,na obedi wɔn asɛm ama wɔn.

AKCB: 12AKCB

Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so,na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.

AKCB: 13AKCB

Ntwentwɛn abofra nteɛso so;sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu.

AKCB: 14AKCB

Fa abaa twe nʼasona gye ne kra fi owu mu.

AKCB: 15AKCB

Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,ɛno de, me koma ani begye;

AKCB: 16AKCB

sɛ wʼano ka nea ɛteɛ ame mu ade nyinaa ani begye.

AKCB: 17AKCB

Mma wʼani mmere abɔnefo,mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden bere biara.

AKCB: 18AKCB

Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye,na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.

AKCB: 19AKCB

Me ba, tie, na hu nyansa,ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.

AKCB: 20AKCB

Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoanaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho,

AKCB: 21AKCB

efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo,na anikum fura wɔn ntamagow.

AKCB: 22AKCB

Tie wʼagya a ɔwoo wo no,na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa.

AKCB: 23AKCB

Tɔ nokware na ntɔn da;nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu.

AKCB: 24AKCB

Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree;nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.

AKCB: 25AKCB

Ma wʼagya ne wo na ani nnye;ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw.

AKCB: 26AKCB

Me ba, fa wo koma ma mena ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,

AKCB: 27AKCB

na oguamanfo yɛ amoa donkudonkuɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo.

AKCB: 28AKCB

Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo,na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso.

AKCB: 29AKCB

Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow?Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii?Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so?

AKCB: 30AKCB

Wɔn a wɔkyɛ nsa ho,na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ.

AKCB: 31AKCB

Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa,bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu,na ɛkɔ yɔɔ no.

AKCB: 32AKCB

Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔna ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa.

AKCB: 33AKCB

Wʼani behu nneɛma a wunhuu da,na woadwene nneɛma basabasa ho.

AKCB: 34AKCB

Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so.

AKCB: 35AKCB

Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira.Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara.Bere bɛn na menyanakɔpɛ nsa anom bio?”