Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 22

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 22 Bible text

AKCB: 1AKCB

Din pa ye sen ahonya bebrebe;sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

AKCB: 2AKCB

Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo.

AKCB: 3AKCB

Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho,nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane.

AKCB: 4AKCB

Ahobrɛase ne Awuradesuroɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.

AKCB: 5AKCB

Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so,nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

AKCB: 6AKCB

Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,na sɛ onyin a ɔremfi so.

AKCB: 7AKCB

Adefo di ahiafo so,na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.

AKCB: 8AKCB

Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhawna wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa.

AKCB: 9AKCB

Ɔyamyefo benya nhyiraefisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan.

AKCB: 10AKCB

Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ;ntɔkwaw ne animka to atwa.

AKCB: 11AKCB

Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no,benya ɔhene afa no adamfo.

AKCB: 12AKCB

Awurade ani wɛn nimdeɛ,na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.

AKCB: 13AKCB

Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!”anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.”

AKCB: 14AKCB

Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku;nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.

AKCB: 15AKCB

Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri.

AKCB: 16AKCB

Obi besisi ohiani de apɛ ahonya,anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

AKCB: 17AKCB

Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

AKCB: 18AKCB

efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu,na ne nyinaa ada wʼano.

AKCB: 19AKCB

Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Awurade so,merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo.

AKCB: 20AKCB

Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo,nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

AKCB: 21AKCB

a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho,sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana?

AKCB: 22AKCB

Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti,na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii,

AKCB: 23AKCB

efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn,na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.

AKCB: 24AKCB

Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo,na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,

AKCB: 25AKCB

anyɛ saa a, wubesua nʼakwanna woakɔtɔ afiri mu.

AKCB: 26AKCB

Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamuanaasɛ odi akagyinamu;

AKCB: 27AKCB

na sɛ wunni nea wɔde tua awobehuam wo mpa mpo afi wʼase.

AKCB: 28AKCB

Ntutu tete abo a wɔde ato hye,nea wo nenanom de sisii hɔ no.

AKCB: 29AKCB

Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana?Ahemfo anim na ɔbɛsom,na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim.