Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 21

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 21 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔhene koma da Awurade nsam;ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

AKCB: 2AKCB

Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so,nanso Awurade na ɔkari koma.

AKCB: 3AKCB

Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a,ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.

AKCB: 4AKCB

Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma,ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!

AKCB: 5AKCB

Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba,sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.

AKCB: 6AKCB

Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no,ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.

AKCB: 7AKCB

Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.

AKCB: 8AKCB

Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.

AKCB: 9AKCB

Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tenaye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.

AKCB: 10AKCB

Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne;onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.

AKCB: 11AKCB

Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa,sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.

AKCB: 12AKCB

Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi,na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.

AKCB: 13AKCB

Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a,ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.

AKCB: 14AKCB

Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma,kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.

AKCB: 15AKCB

Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye,nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.

AKCB: 16AKCB

Onipa a ɔman fi nhumu kwan so nobɛhome wɔ awufo fekuw mu.

AKCB: 17AKCB

Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani;nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.

AKCB: 18AKCB

Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo,na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

AKCB: 19AKCB

Eye sɛ wobɛtena sare so,sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.

AKCB: 20AKCB

Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma,nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.

AKCB: 21AKCB

Nea otiw trenee ne ɔdɔ nonya nkwa, yiyedi ne anuonyam.

AKCB: 22AKCB

Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so,na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.

AKCB: 23AKCB

Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma notwe ne ho fi amanenya ho.

AKCB: 24AKCB

Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo”ɔde ahantan ntraso yɛ ade.

AKCB: 25AKCB

Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no,efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

AKCB: 26AKCB

Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree,nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.

AKCB: 27AKCB

Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade,ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

AKCB: 28AKCB

Ɔdansekurumni bɛyera,na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.

AKCB: 29AKCB

Amumɔyɛfo di akakabensɛm,na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.

AKCB: 30AKCB

Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ aebetumi ayɛ yiye atia Awurade.

AKCB: 31AKCB

Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da,nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.