Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 20

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 20 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo;na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.

AKCB: 2AKCB

Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu;na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.

AKCB: 3AKCB

Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.

AKCB: 4AKCB

Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu;enti edu twabere a onya hwee.

AKCB: 5AKCB

Onipa koma botae yɛ asubun,nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.

AKCB: 6AKCB

Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?

AKCB: 7AKCB

Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron;nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.

AKCB: 8AKCB

Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a,ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.

AKCB: 9AKCB

Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu;meyɛ kronkron na minni bɔne?”

AKCB: 10AKCB

Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa.

AKCB: 11AKCB

Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn,saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.

AKCB: 12AKCB

Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade, Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.

AKCB: 13AKCB

Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;nna, na wubenya aduan ama abu so.

AKCB: 14AKCB

Adetɔni ka se, “Enye, enye!”nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.

AKCB: 15AKCB

Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so,na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.

AKCB: 16AKCB

Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade;sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

AKCB: 17AKCB

Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ,nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.

AKCB: 18AKCB

Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe;sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

AKCB: 19AKCB

Osekuni da kokoamsɛm adi;enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.

AKCB: 20AKCB

Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a,wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.

AKCB: 21AKCB

Agyapade a wɔpere ho nya no,renyɛ nhyira akyiri no.

AKCB: 22AKCB

Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!”Twɛn Awurade, na obegye wo.

AKCB: 23AKCB

Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa,na asisi nsania nso nsɔ nʼani.

AKCB: 24AKCB

Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu.Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

AKCB: 25AKCB

Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,osum ne ho afiri.

AKCB: 26AKCB

Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo;na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.

AKCB: 27AKCB

Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

AKCB: 28AKCB

Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban;nʼadɔe ma nʼahengua tim.

AKCB: 29AKCB

Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.

AKCB: 30AKCB

Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ,mmaatwa tew koma mu.