Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 14

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 14 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔbea nyansafo si ne dan,nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.

AKCB: 2AKCB

Nea ne nantew teɛ no suro Awurade,na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

AKCB: 3AKCB

Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.

AKCB: 4AKCB

Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan,na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.

AKCB: 5AKCB

Ɔdanseni nokwafo rennaadaa,ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ.

AKCB: 6AKCB

Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya,nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm.

AKCB: 7AKCB

Twe wo ho fi ɔkwasea ho,efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano.

AKCB: 8AKCB

Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.

AKCB: 9AKCB

Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw,na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ.

AKCB: 10AKCB

Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu,na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye.

AKCB: 11AKCB

Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi,nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.

AKCB: 12AKCB

Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so,nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.

AKCB: 13AKCB

Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw,na anigye tumi wie awerɛhow.

AKCB: 14AKCB

Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te,na onipa pa nso benya ne de.

AKCB: 15AKCB

Atetekwaa gye biribiara di,nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho.

AKCB: 16AKCB

Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne,nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.

AKCB: 17AKCB

Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade,na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no.

AKCB: 18AKCB

Ntetekwaafo agyapade ne gyimi,na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri.

AKCB: 19AKCB

Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim,na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.

AKCB: 20AKCB

Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,nanso adefo wɔ nnamfonom bebree.

AKCB: 21AKCB

Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani.

AKCB: 22AKCB

So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana?Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware.

AKCB: 23AKCB

Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba,na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu.

AKCB: 24AKCB

Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri,na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba.

AKCB: 25AKCB

Ɔdanseni nokwafo gye nkwa,nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo.

AKCB: 26AKCB

Nea osuro Awurade no wɔ bammɔ a mu yɛ den,na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.

AKCB: 27AKCB

Awurade suro yɛ nkwa asuti,eyi onipa fi owu afiri mu.

AKCB: 28AKCB

Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam,nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

AKCB: 29AKCB

Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ,na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

AKCB: 30AKCB

Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa,na anibere ma nnompe porɔw.

AKCB: 31AKCB

Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa,nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

AKCB: 32AKCB

Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase,nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea.

AKCB: 33AKCB

Nyansa te ntease koma mu,na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi.

AKCB: 34AKCB

Trenee pagyaw ɔman,na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa.

AKCB: 35AKCB

Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani,na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.