Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 15

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 15 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mmuae pa sianka abufuwhyew,nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.

AKCB: 2AKCB

Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

AKCB: 3AKCB

Awurade ani hu baabiara,na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo.

AKCB: 4AKCB

Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua,nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom.

AKCB: 5AKCB

Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee,na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.

AKCB: 6AKCB

Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi,nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

AKCB: 7AKCB

Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu,nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te.

AKCB: 8AKCB

Awurade kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ,nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani.

AKCB: 9AKCB

Awurade kyi amumɔyɛfo akwan,nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee.

AKCB: 10AKCB

Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so,nea ɔtan nteɛso no bewu.

AKCB: 11AKCB

Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim,na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so.

AKCB: 12AKCB

Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso;onkobisa anyansafo hwee.

AKCB: 13AKCB

Anigye koma ma anim yɛ sereserew,na koma a abotow dwerɛw honhom.

AKCB: 14AKCB

Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ,nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

AKCB: 15AKCB

Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.

AKCB: 16AKCB

Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no yesen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.

AKCB: 17AKCB

Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no yesen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.

AKCB: 18AKCB

Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba,nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.

AKCB: 19AKCB

Nsɔe ama onihawfo kwan asiw,nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.

AKCB: 20AKCB

Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.

AKCB: 21AKCB

Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye,nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.

AKCB: 22AKCB

Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe,nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.

AKCB: 23AKCB

Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye,asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.

AKCB: 24AKCB

Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso,esiw ne da mukɔ ho kwan.

AKCB: 25AKCB

Awurade sɛe ɔhantanni fi,na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 26AKCB

Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii,nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.

AKCB: 27AKCB

Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua,nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.

AKCB: 28AKCB

Ɔtreneeni koma kari ne mmuae,nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.

AKCB: 29AKCB

Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa,nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.

AKCB: 30AKCB

Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka,na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

AKCB: 31AKCB

Nea otie animka a ɛma nkwa none anyansafo bɛbɔ mu atena ase.

AKCB: 32AKCB

Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa,na nea otie nteɛso no nya nhumu.

AKCB: 33AKCB

Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,ahobrɛase di anuonyam anim.