Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;na ɔfɛwdifo ntie animka.

AKCB: 2AKCB

Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye,na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.

AKCB: 3AKCB

Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.

AKCB: 4AKCB

Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee,na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.

AKCB: 5AKCB

Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware,nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.

AKCB: 6AKCB

Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban,na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.

AKCB: 7AKCB

Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee,ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.

AKCB: 8AKCB

Obi ahonya betumi agye no nkwa,nanso ohiani nte ahunahuna biara.

AKCB: 9AKCB

Atreneefo kanea hyerɛn pa ara,nanso wodum amumɔyɛfo kanea.

AKCB: 10AKCB

Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.

AKCB: 11AKCB

Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so,na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

AKCB: 12AKCB

Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare,nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.

AKCB: 13AKCB

Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka,nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.

AKCB: 14AKCB

Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti,eyi onipa fi owu afiri mu.

AKCB: 15AKCB

Nhumu pa de adom ba,nanso atorofo akwan so yɛ den.

AKCB: 16AKCB

Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu,nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

AKCB: 17AKCB

Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu,nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.

AKCB: 18AKCB

Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu,na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.

AKCB: 19AKCB

Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye,nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.

AKCB: 20AKCB

Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa,na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.

AKCB: 21AKCB

Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi,na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.

AKCB: 22AKCB

Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom,na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.

AKCB: 23AKCB

Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii,nanso ntɛnkyew pra kɔ.

AKCB: 24AKCB

Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba,na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.

AKCB: 25AKCB

Atreneefo didi ma wɔn koma mee,nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.